Psalms 32

Dawid dwom.


1 Nhyira ne wɔn a
wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn,
na wɔakata wɔn bɔne so.

2 Nhyira nka onipa a
Awurade mmu ne bɔne ngu no so
na nnaadaa nni ne honhom mu.


3 Bere a meyɛɛ komm no,
me nnompe yɛɛ mmrɛw,
apini a misii no da mu nyinaa nti.

4 Awia ne anadwo
wo nsa yɛɛ den wɔ me so;
mʼahoɔden sae
te sɛ awia bere mu ɔhyew.

5 Afei, migyee me bɔne too mu.
Mankata mʼamumɔyɛ so.
Mekae se, “Mɛka
me bɔne akyerɛ Awurade,”
na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.


6 Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpae
bere a wohu wo;
ampa ara sɛ asu akɛse yiri a,
ɛrenka no.

7 Wone me hintabea;
wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu
na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia.


8 Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so
metu wo fo na mahwɛ wo so.

9 Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a
onni ntease nti
wɔde nnareka ne hama na ɛdannan no,
sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.

10 Omumɔyɛfo amanehunu dɔɔso,
nanso Awurade adɔe a ɛnsa da no
twa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.


11 Munni ahurusi na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo atreneefo;
monto dwom, mo a mo koma mu tew.
Copyright information for TwiAKNA